Native Bible

John 9:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ma wɔbisaa wɔn sɛ, “Mo ba ni anaa? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifirani anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ɔhunu adeɛ yi?”

John 9:19 in English

John 9:19 · Berean Standard Bible

and asked, “Is this your son, the one you say was born blind? So how is it that he can now see?”

Context

17Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no sɛ, “Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberanteɛ yi buaa sɛ, “Megye di sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn.” 18Yudafoɔ no annye anni ara da sɛ, na saa aberanteɛ no yɛ onifirani a afei deɛ ɔhunu adeɛ, kɔsi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofoɔ baeɛ 19ma wɔbisaa wɔn sɛ, “Mo ba ni anaa? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifirani anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ɔhunu adeɛ yi?” 20Nʼawofoɔ no buaa sɛ, “Yɛgye tom sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifirani. 21Nanso yɛnnim deɛ enti a afei deɛ ɔhunu adeɛ yi. Saa ara nso na yɛnnim onipa ko a ɔma ɔhunuu adeɛ no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.