Yohane 9:1
John 9:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani,
John 9:1 in English
John 9:1 · Berean Standard Bible
Now as Jesus was passing by, He saw a man blind from birth,
Context
1Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani, 2Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirani yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne enti na ama nʼani afira yi?” 3Yesu buaa sɛ, “Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.