Native Bible

John 6:59 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.

John 6:59 in English

John 6:59 · Berean Standard Bible

Jesus said this while teaching in the synagogue in Capernaum.

Context

57Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno enti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam sɛ aduane no, me enti, ɔbɛtena ase. 58Yei ne burodo a ɛfiri ɔsoro baeɛ. Ɛnte sɛ mana a yɛn nananom dii wɔ ɛserɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa burodo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa.” 59Ɛberɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi. 60Yesu akyidifoɔ no mu pii tee asɛm a ɔkaeɛ no, wɔkaa sɛ, “Saa asɛm yi deɛ, ɛkyere yɛn adwene. Hwan na ɔbɛte aseɛ?” 61Yesu hunuu sɛ nʼakyidifoɔ no renwiinwii no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Asɛm a mekaeɛ yi to mo suntidua anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.