Yohane 6:53
John 6:53 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ.
John 6:53 in English
John 6:53 · Berean Standard Bible
So Jesus said to them, “Truly, truly, I tell you, unless you eat the flesh and drink the blood of the Son of Man, you have no life in you.
Context
51Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.” 52Asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ no bo fuiɛ ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi de ne honam ama yɛn sɛ aduane ama yɛadi?” 53Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ. 54Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ. 55Me honam ne aduane pa no, na me mogya nso ne nsu pa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.