Yohane 5:27
John 5:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri sɛ, ɔno ne Onipa Ba no.
John 5:27 in English
John 5:27 · Berean Standard Bible
And He has given Him authority to execute judgment, because He is the Son of Man.
Context
25Mereka nokorɛ bio sɛ, ɛberɛ bi reba, na mpo saa ɛberɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa. 26Sɛdeɛ Agya no yɛ nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ. 27Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri sɛ, ɔno ne Onipa Ba no. 28“Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ, ɛberɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne, 29na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.