Yohane 4:19
John 4:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.
John 4:19 in English
John 4:19 · Berean Standard Bible
“Sir,” the woman said, “I see that You are a prophet.
Context
17Ɔbaa no buaa no sɛ, “Me wura, menni kunu.”
Yesu nso kaa sɛ, “Asɛm a woaka no yɛ nokorɛ sɛ wonni kunu no. 18Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu.” 19Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ. 20Yɛn agyanom Samariafoɔ somm Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so, nanso mo Yudafoɔ deɛ, moka sɛ Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn.” 21Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.