Native Bible

John 3:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, asuafoɔ no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohoa no a wodii ne ho adanseɛ no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”

John 3:26 in English

John 3:26 · Berean Standard Bible

So John’s disciples came to him and said, “Look, Rabbi, the One who was with you beyond the Jordan, the One you testified about—He is baptizing, and everyone is going to Him.”

Context

24Saa ɛberɛ no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase. 25Ɛda bi, Yohane akyidifoɔ bi ne Yudani bi gyee akyinnyeɛ faa ahodwira ho. 26Enti, asuafoɔ no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohoa no a wodii ne ho adanseɛ no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.” 27Yohane buaa sɛ, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho. 28Mo ara modi me adanseɛ sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no, na mmom, wɔasoma me adi nʼanim kane.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.