Native Bible

John 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.

John 3:16 in English

John 3:16 · Berean Standard Bible

For God so loved the world that He gave His one and only * Son, that everyone who believes in Him shall not perish but have eternal life.

Context

14Sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ asɛn dua so wɔ ɛserɛ so no, saa ara na Onipa Ba no nso wɔbɛma no so, 15na obiara a ɔgye me di no, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 16“Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ. 17Onyankopɔn ansoma ne Ba amma ewiase sɛ ɔmmɛbu ewiase atɛn, na mmom, ɔsomaa no sɛ, ɔmmɛgye ewiase nkwa. 18Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ, wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.