Native Bible

John 21:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔde kyerɛɛ owu ko a Petro bɛwu de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Di mʼakyi.”

John 21:19 in English

John 21:19 · Berean Standard Bible

Jesus said this to indicate the kind of death by which Peter would glorify God. And after He had said this, He told him, “Follow Me.”

Context

17Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?” Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhoɔ sɛ Yesu abisa no saa asɛm korɔ no ara mprɛnsa. Enti, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, wonim biribiara, na wonim nso sɛ, medɔ wo!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwan. 18Meka nokorɛ akyerɛ wo. Woyɛ aberanteɛ no, na wotumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ deɛ wopɛ biara nso. Nanso, sɛ wobɔ akɔkoraa a, wobɛtene wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.” 19Asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔde kyerɛɛ owu ko a Petro bɛwu de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Di mʼakyi.” 20Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi hunuu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, ɔtwe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, hwan na ɔbɛyi wo ama” no? 21Petro hunuu saa osuani yi no, ɔbisaa Yesu sɛ, “Awurade, na yei nso ɛdeɛn na ɛbɛto no?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.