Yohane 20:11
John 20:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Maria deɛ na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ɔgu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu,
John 20:11 in English
John 20:11 · Berean Standard Bible
But Mary stood outside the tomb weeping. And as she wept, she bent down to look into the tomb,
Context
9Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase. 10Afei, asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ efie. 11Maria deɛ na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ɔgu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu, 12na ɔhunuu ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafoɔ wɔ faako a na Yesu amu no da no. 13Wɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn na woresu sɛɛ yi?”
Maria de awerɛhoɔ buaa sɛ, “Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na mennim faako a wɔde no akɔto.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.