Yohane 18:30
John 18:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa no buaa no sɛ, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”
John 18:30 in English
John 18:30 · Berean Standard Bible
“If He were not a criminal,” they replied, “we would not have handed Him over to you.”
Context
28Wɔde Yesu firi Kaiafa fie de no kɔɔ Pilato ahemfie. Saa ɛberɛ no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafoɔ no mpɛ sɛ efi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduane no bi enti, wɔankɔ hɔ bi. 29Pilato firii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bɛbisaa wɔn sɛ, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?” 30Nnipa no buaa no sɛ, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.” 31Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.”
Yudafoɔ no nso kaa sɛ, “Yɛnni tumi sɛ yɛkum obi.” 32Deɛ ɛsiiɛ yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a ɔbɛwu no daa adi pefee.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.