Yohane 18:20
John 18:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu buaa sɛ, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ dwam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kɔkoam.
John 18:20 in English
John 18:20 · Berean Standard Bible
“I have spoken openly to the world,” Jesus answered. “I always taught in the synagogues and at the temple, where all the Jews come together. I said nothing in secret.
Context
18Saa ɛberɛ no na ɛyɛ awɔberɛ, enti na asomfoɔ no ne asraafoɔ no asɔ ogya a wɔreto. Petro nso kɔgyinaa hɔ too ogya no bi. 19Ɔsɔfopanin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafoɔ no ne ne nkyerɛkyerɛ ho. 20Yesu buaa sɛ, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ dwam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kɔkoam. 21Adɛn enti na wobisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wɔtiee me no. Wɔn na wɔnim asɛm a mekaeɛ.” 22Yesu kaa saa no, awɛmfoɔ no mu baako bɔɔ no sotorɔ kaa sɛ, “Wo sɛɛ ne hwan a wotumi kasa ɔsɔfopanin anim saa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.