Yohane 16:31
John 16:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu buaa wɔn sɛ. “Afei deɛ, mogye di?
John 16:31 in English
John 16:31 · Berean Standard Bible
“Do you finally believe?” Jesus replied.
Context
29Nʼasuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ, wokasa pefee ma yɛte wo aseɛ. 30Yɛahunu sɛ wonim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Yei ama yɛagye adi sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn.” 31Yesu buaa wɔn sɛ. “Afei deɛ, mogye di? 32Ɛberɛ bi rebɛduru, na mpo aduru dada a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ ne fie na aka me nko. Nanso, ɛrenka me nko ɛfiri sɛ, Agya no ka me ho. 33“Maka yeinom akyerɛ mo na moanya asomdwoeɛ wɔ me mu. Mobɛhunu amane wɔ ewiase. Nanso, monnyina pintinn! Madi ewiase so nkonim!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.