Native Bible

John 16:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛfiri sɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, ɛfiri sɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebaeɛ.

John 16:27 in English

John 16:27 · Berean Standard Bible

For the Father Himself loves you, because you have loved Me and have believed that I came from God.*

Context

25“Menam abɛbuo mu na maka yeinom akyerɛ mo. Nanso, ɛberɛ bi bɛba a merenkasa abɛbuo mu bio, na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo. 26Sɛ saa da no duru a, mode me din bɛbisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka sɛ me na mɛbisa Agya no ama mo, 27ɛfiri sɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, ɛfiri sɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebaeɛ. 28Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa ewiase; na afei merefiri ewiase akɔ Agya no nkyɛn.” 29Nʼasuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ, wokasa pefee ma yɛte wo aseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.