Native Bible

John 16:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno enti na mekaa sɛ, Honhom no bɛtie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.”

John 16:15 in English

John 16:15 · Berean Standard Bible

Everything that belongs to the Father is Mine. That is why I said that the Spirit will take from what is Mine and disclose it to you.

Context

13Sɛ nokorɛ Honhom no ba a, ɔbɛma moahunu nokorɛ no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom, deɛ ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. 14Ɔbɛhyɛ me animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔbɛtie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo. 15Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno enti na mekaa sɛ, Honhom no bɛtie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.” 16“Aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa, mobɛhunu me bio.” 17Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakra bi morenhunu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa na moasane ahunu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.