Native Bible

John 15:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso.

John 15:23 in English

John 15:23 · Berean Standard Bible

Whoever hates Me hates My Father as well.

Context

21Esiane sɛ moyɛ me dea enti na wɔbɛtaa mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 22Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei deɛ wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara. 23Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso. 24Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahunu deɛ meyɛeɛ, nso wɔtan me ne mʼAgya. 25Ɛsɛ sɛ yei ba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka sɛ, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.