Yohane 15:17
John 15:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei na mehyɛ mo; monnodɔ mo ho.
John 15:17 in English
John 15:17 · Berean Standard Bible
This is My command to you: Love one another.
Context
15Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ, akoa nnim deɛ ne wura reyɛ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ, maka biribiara a mete firii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo. 16Ɛnyɛ mo na moyii me; me na meyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monso aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bɛbisa Agya no no, ɔde bɛma mo. 17Yei na mehyɛ mo; monnodɔ mo ho. 18“Sɛ ewiase tane mo a, monkae sɛ me na ɛtanee me kane ansa na ɛretane mo. 19Sɛ mote ase ma ewiase a, ɛnneɛ ewiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso, meyii mo firii ewiasefoɔ mu, ɛno enti, monyɛ ewiasefoɔ bio; yei enti na ewiasefoɔ tan mo no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.