Yohane 14:26
John 14:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.
John 14:26 in English
John 14:26 · Berean Standard Bible
But the Advocate, the Holy Spirit, whom the Father will send in My name, will teach you all things and will remind you of everything I have told you.
Context
24Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn. 25“Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo. 26Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no. 27Asomdwoeɛ na mede regya mo; mʼasomdwoeɛ na mede regya mo. Ɛnyɛ ewiase asomdwoeɛ na mede regya mo. Mommma mo akoma nntu; na monnsuro nso. 28“Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, nanso mɛsane aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani bɛgye, ɛfiri sɛ, afei deɛ, mɛtumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sene me no nkyɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.