Yohane 14:23
John 14:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.
John 14:23 in English
John 14:23 · Berean Standard Bible
Jesus replied, “If anyone loves Me, he will keep My word. My Father will love him, and We will come to him and make Our home with him.
Context
21Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.” 22Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?” 23Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. 24Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn. 25“Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.