Yohane 14:12
John 14:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn.
John 14:12 in English
John 14:12 · Berean Standard Bible
Truly, truly, I tell you, whoever believes in Me will also do the works that I am doing. He will do even greater things than these, because I am going to the Father.
Context
10Filipo wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu? Yesu sane ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfiri mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma. 11Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ monnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no enti, monnye nni. 12Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn. 13Na biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.