Yohane 13:19
John 13:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi.
John 13:19 in English
John 13:19 · Berean Standard Bible
I am telling you now before it happens, so that when it comes to pass, you will believe that I am He.
Context
17Afei a moate deɛ meyɛeɛ no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a, mobɛnya nhyira. 18“Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, menim wɔn a mayi wɔn. Nanso, ɛsɛ sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no, bɛyi me ama’ no ba mu. 19“Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi. 20Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgye deɛ masoma no no, ɔgye me nso, na obiara a ɔgye me no nso gye deɛ ɔsomaa me no.” 21Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ no, ne ho yeraa no ma ɔpaee mu kaa sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mo mu baako bɛyi me ama!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.