Yohane 12:25
John 12:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na deɛ ɔnnɔ ne kra no ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.
John 12:25 in English
John 12:25 · Berean Standard Bible
Whoever loves his life will lose it, but whoever hates his life in this world will keep it for eternal life.
Context
23Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam. 24Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔ na amfifiri a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔ na ɛfifiri a, ɛso aba pii. 25Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na deɛ ɔnnɔ ne kra no ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 26Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfoɔ nso wɔ hɔ bi.” 27Yesu kaa sɛ, “Afei deɛ, me kra ho yera no na asɛm bɛn na menka? Menka sɛ, ‘Agya, gye me firi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso, yei enti na wosomaa me baa ewiase sɛ memmɛhunu amane.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.