Native Bible

John 11:49 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ ɔsɔfopanin no kaa sɛ, “Mo deɛ, monnim hwee!

John 11:49 in English

John 11:49 · Berean Standard Bible

But one of them, named Caiaphas, who was high priest that year, said to them, “You know nothing at all!

Context

47Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ! 48Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ deɛ ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.” 49Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ ɔsɔfopanin no kaa sɛ, “Mo deɛ, monnim hwee! 50Monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama nnipa no nyinaa sene sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?” 51Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa ɛberɛ no enti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Yesu bɛwu de agye mo nkwa,”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.