Yohane 1:50
John 1:50 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu bisaa no sɛ, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase enti na wogye di anaa? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom.
John 1:50 in English
John 1:50 · Berean Standard Bible
Jesus said to him, “Do you believe just because I told you I saw you under the fig tree? You will see greater things than these.”
Context
48Natanael bisaa Yesu sɛ, “Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ meteɛ?”
Yesu nso buaa no sɛ, “Ɛberɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mehunuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.” 49Natanael kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!” 50Yesu bisaa no sɛ, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase enti na wogye di anaa? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom. 51Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.