Native Bible

John 1:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no enti ɛmaa wɔkɔdii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea.

John 1:40 in English

John 1:40 · Berean Standard Bible

Andrew, Simon Peter’s brother, was one of the two who heard John’s testimony and followed Jesus.

Context

38Yesu twaa nʼani hunu sɛ wɔdi nʼakyi no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no sɛ, “Rabi” (a ne nkyerɛaseɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ), “ɛhe na wote?” 39Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mommra mmɛhwɛ.” Enti, wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte no ne no tenaa hɔ firi awia nnɔnnan kɔsii anwummerɛ. 40Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no enti ɛmaa wɔkɔdii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea. 41Adeɛ a ɛdi ɛkan a Andrea yɛeɛ ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Mesia no.” 42Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne Ɔbotan no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.