Native Bible

Jeremiah 6:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa! Monnwane mfiri Yerusalem! Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa! Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam, ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu.

Jeremiah 6:1 in English

Jeremiah 6:1 · Berean Standard Bible

“Run for cover, O sons of Benjamin; flee from Jerusalem! Sound the ram’s horn in Tekoa; send up a signal over Beth-haccherem, for disaster looms from the north, even great destruction.

Context

1“Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa! Monnwane mfiri Yerusalem! Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa! Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam, ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu. 2Mɛsɛe Ɔbabaa Sion ɔhoɔfɛfoɔ sɔɔnɔ no. 3Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ; wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia na wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.