Yeremia 52:11
Jeremiah 52:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia. Ɛhɔ na ɔde no too afiase kɔsii ne wu da.
Jeremiah 52:11 in English
Jeremiah 52:11 · Berean Standard Bible
Then he put out Zedekiah’s eyes, bound him with bronze shackles, and took him to Babylon, where he kept him in custody until his dying day.
Context
9na wɔkyeree no.
Wɔfaa no dedua de no kɔmaa Babiloniahene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. 10Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ adwumayɛfoɔ nyinaa nso. 11Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia. Ɛhɔ na ɔde no too afiase kɔsii ne wu da. 12Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem. 13Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyee efie biara a ɛdi mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.