Native Bible

Jeremiah 51:61 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔka kyerɛɛ Seraia sɛ, “Sɛ woduru Babilonia a, hwɛ sɛ wo bɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛdeɛ obiara bɛte.

Jeremiah 51:61 in English

Jeremiah 51:61 · Berean Standard Bible

And Jeremiah said to Seraiah, “When you get to Babylon, see that you read all these words aloud,

Context

59Yei ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin na ɔyɛ Maseia nana no, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedie afe a ɛtɔ so ɛnan no mu. 60Na Yeremia atwerɛ amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nwoma mmobɔeɛ so, deɛ watwerɛ a ɛfa Babilonia ho nyinaa. 61Ɔka kyerɛɛ Seraia sɛ, “Sɛ woduru Babilonia a, hwɛ sɛ wo bɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛdeɛ obiara bɛte. 62Afei, ka sɛ, ‘Ao Awurade, woaka sɛ wobɛsɛe beaeɛ yi sɛdeɛ onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’ 63Sɛ wokenkane nwoma mmobɔeɛ yi wie a, kyekyere fam ɛboɔ ho, na to twene Asubɔnten Eufrate mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.