Yeremia 5:3
Jeremiah 5:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, wopɛ nokorɛ enti wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yea biara; wodwerɛɛ wɔn, nanso wɔpoo ntenesoɔ. Wɔyɛɛ wɔn anim denden kyenee ɔboɔ na wɔpoo ahunu.
Jeremiah 5:3 in English
Jeremiah 5:3 · Berean Standard Bible
O LORD, do not Your eyes look for truth? You struck them, but they felt no pain. You finished them off, but they refused to accept discipline. They have made their faces harder than stone and refused to repent.
Context
1“Monni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔntene so,
monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ,
monhwehwɛ adwaberem nyinaa.
Sɛ mohunu onipa baako mpo a
ɔyɛ pɛ na ɔdi nokorɛ a,
mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no. 2Ɛwom sɛ wɔka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’
nanso wɔda so ka ntam hunu.” 3Ao Awurade, wopɛ nokorɛ enti
wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yea biara;
wodwerɛɛ wɔn, nanso wɔpoo ntenesoɔ.
Wɔyɛɛ wɔn anim denden kyenee ɔboɔ
na wɔpoo ahunu. 4Mesusuu sɛ, “Yeinom nko ara ne ahiafoɔ no;
wɔyɛ nkwaseafoɔ nso,
ɛfiri sɛ wɔnnim Awurade akwan,
deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ. 5Enti mɛkɔ ntuanofoɔ no nkyɛn
akɔkasa akyerɛ wɔn;
ampa ara wɔnim Awurade akwan
deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.”
Nanso wɔn nso de adwene korɔ abubu kɔnnua no
atete nkyehoma no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.