Yeremia 48:34
Jeremiah 48:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Wɔn su ano den gyegye firi Hesbon de kɔsi Eleale ne Yahas, firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya. Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe.
Jeremiah 48:34 in English
Jeremiah 48:34 · Berean Standard Bible
There is a cry from Heshbon to Elealeh; they raise their voices to Jahaz, from Zoar to Horonaim and Eglath-shelishiyah; for even the waters of Nimrim have dried up.
Context
32Mesu ma mo sɛdeɛ Yaser su,
Ao Sibma bobe.
Mo mman dendane kɔɔ ɛpo ho pɛɛ;
kɔduruu Yaser ɛpo ho.
Ɔsɛefoɔ no abɛgu
mo nnuaba a abereɛ ne mo bobe no so. 33Ahosɛpɛ ne anigyeɛ atu afiri
Moab nnuaba nturo ne mfuo so.
Matwa nsã a ɛtene firi nsakyimena no so;
obiara mmfa ahosɛpɛ ntiatia bobe no so.
Ɛwom sɛ nteateam wɔ hɔ deɛ,
nanso ɛnyɛ ahosɛpɛ nteateam. 34“Wɔn su ano den gyegye firi
Hesbon de kɔsi Eleale ne Yahas,
firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya.
Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe. 35Moab hɔ no,
mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhwam
a wɔhye ma wɔn anyame no bɛba awieeɛ,”
Awurade na ɔseɛ. 36“Enti mʼakoma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab;
esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.
Ahonyadeɛ a wɔpɛeɛ no kɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.