Yeremia 48:14
Jeremiah 48:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛyɛ dɛn na wotumi ka sɛ, ‘Yɛyɛ nnɔmmarima, mmarima akokoɔdurufoɔ wɔ ɔsa mu’?
Jeremiah 48:14 in English
Jeremiah 48:14 · Berean Standard Bible
How can you say, ‘We are warriors, mighty men ready for battle’?
Context
12Nanso, nna bi reba,”
Awurade na ɔseɛ,
“a mɛsoma mmarima a wɔhwie nsã firi ahina mu,
na wɔbɛhwie no agu;
wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee
na wɔabobɔ ne nkuruwa. 13Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,
sɛdeɛ Israel efie anim guu ase
ɛberɛ a wɔde wɔn ho too Bet-El soɔ no. 14“Ɛyɛ dɛn na wotumi ka sɛ, ‘Yɛyɛ nnɔmmarima,
mmarima akokoɔdurufoɔ wɔ ɔsa mu’? 15Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkuro so sa;
ne mmeranteɛ a wɔte apɔ no, wɔbɛkunkum wɔn,”
deɛ Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no seɛ nie. 16“Moab asehweɛ abɛn;
nʼamanehunu bɛba ntɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.