Yeremia 47:1
Jeremiah 47:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:
Jeremiah 47:1 in English
Jeremiah 47:1 · Berean Standard Bible
This is the word of the LORD that came to Jeremiah the prophet about the Philistines before Pharaoh struck down Gaza.
Context
1Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn: 2Sei na Awurade seɛ:
“Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam;
ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so,
nkuro no ne nnipa a wɔtete mu.
Nnipa no bɛteateam;
wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo 3ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,
na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye
ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.
Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;
wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.