Native Bible

Jeremiah 44:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no!

Jeremiah 44:16 in English

Jeremiah 44:16 · Berean Standard Bible

“As for the word you have spoken to us in the name of the LORD, we will not listen to you!

Context

14Yuda nkaeɛfoɔ a wɔakɔtena Misraim no mu biara rennwane, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasane aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsane bɛtena so no; wɔn mu biara remma bio, gye sɛ adwanefoɔ kakraa bi.” 15Afei, mmarima a na wɔnim sɛ wɔn yerenom hye nnuhwam ma anyame foforɔ, wɔne mmaa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafoɔ fam ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, 16“Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no! 17Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkaa sɛ yɛbɛyɛ: Yɛbɛhye nnuhwam ama Ɔsoro Hemmaa na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛ ne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfoɔ yɛɛ wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so pɛpɛɛpɛ. Saa ɛberɛ no na yɛwɔ aduane, na yɛdi yie a yɛnni ɔhaw biara nso. 18Nanso ɛfiri ɛberɛ a yɛgyaee nnuhwam a yɛhye ma Ɔsoro Hemmaa, na yɛgyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.