Yeremia 43:7
Jeremiah 43:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti wɔhyɛnee Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wɔkɔduruu Tapanhes.
Jeremiah 43:7 in English
Jeremiah 43:7 · Berean Standard Bible
So they entered the land of Egypt because they did not obey the voice of the LORD, and they went as far as Tahpanhes.
Context
5Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ nyinaa de Yuda nkaeɛfoɔ a wɔfifirii amanaman a wɔbɔɔ wɔn pete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔɔeɛ. 6Wɔde mmarima, mmaa, mmɔfra ne ɔhene mmammaa a ɔsahene Nebusaradan a ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ panin no de wɔn gyaa Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana kɔɔeɛ. Na odiyifoɔ Yeremia ne Neria babarima Baruk nso ka ho bi. 7Enti wɔhyɛnee Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wɔkɔduruu Tapanhes. 8Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes sɛ, 9“Ɛberɛ a Yudafoɔ no rehwɛ no, fa aboɔ akɛseɛ, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛweeɛ a ɛwɔ Farao ahemfie a ɛwɔ Tapanhes aboboano hɔ, na fa gu mu kata so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.