Native Bible

Jeremiah 41:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dane kɔɔ Karea babarima Yohanan afa.

Jeremiah 41:14 in English

Jeremiah 41:14 · Berean Standard Bible

and all the people whom Ishmael had taken captive at Mizpah turned and went over to Johanan son of Kareah.

Context

12wɔfaa wɔn asraafoɔ nyinaa sɛ wɔ ne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtadeɛ kɛseɛ bi a ɛwɔ Gibeon no ho. 13Ɛberɛ a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no, wɔn ani gyeeɛ. 14Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dane kɔɔ Karea babarima Yohanan afa. 15Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe dwane firii Yohanan anim kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn. 16Afei, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no dii Mispa nkaeɛfoɔ a ɔgyee wɔn firii Netania babarima Ismael nsam ɛberɛ a ɔkumm Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafoɔ, mmaa, mmɔfra ne asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ firi Gibeon baeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.