Native Bible

Jeremiah 36:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu.

Jeremiah 36:5 in English

Jeremiah 36:5 · Berean Standard Bible

Then Jeremiah commanded Baruch, “I am restricted; I cannot enter the house of the LORD;

Context

3Ebia, sɛ Yudafoɔ te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so a, wɔn mu biara bɛdane afiri nʼamumuyɛ ho na afei mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.” 4Enti, Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na ɛberɛ a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu. 5Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu. 6Enti, kɔ Awurade efie mmuadadie da bi na kenkan nsɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a meka ma wotwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so aba no. 7Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adane afiri nʼamumuyɛ akwan ho, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.