Yeremia 35:5
Jeremiah 35:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei mede nkuruwa ne nkora a nsã wɔ mu bɛsisii Rekabfoɔ abusua mma no anim na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnom nsã kakra.”
Jeremiah 35:5 in English
Jeremiah 35:5 · Berean Standard Bible
Then I set pitchers full of wine and some cups before the men of the house of the Rechabites, and I said to them, “Drink some wine.”
Context
3Enti, mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuammarima ne ne mmammarima nyinaa, Rekabfoɔ abusuadɔm no. 4Mede wɔn baa Awurade efie, na mede wɔn kɔɔ Onyame onipa Yigdalia babarima Hanan mmammarima dan mu. Ɛno na ɛdi adwumayɛfoɔ dan a ɛsi ɔpono ano hwɛfoɔ Salum babarima Maaseia dan atifi no so. 5Afei mede nkuruwa ne nkora a nsã wɔ mu bɛsisii Rekabfoɔ abusua mma no anim na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnom nsã kakra.” 6Nanso wɔbuaa sɛ, “Yɛnnom nsã,* ɛfiri sɛ yɛn nana Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefoɔ nom nsã. 7Na afei ɛnsɛ sɛ mosisi afie, modua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ yeinom mu biara, na mmom montena ntomadan mu ɛberɛ biara. Ɛno na mo nkwa nna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafoɔ wɔ so no so.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.