Native Bible

Jeremiah 32:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeremia kaa sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,

Jeremiah 32:6 in English

Jeremiah 32:6 · Berean Standard Bible

Jeremiah replied, “The word of the LORD came to me, saying:

Context

4Yudahene Sedekia renya ɛkwan nnwane mfiri Babiloniafoɔ nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahunu no. 5Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ me ne no bɛdi, Awurade na ɔseɛ. Sɛ woko tia Babiloniafoɔ no a worenni nkonim.’ ” 6Yeremia kaa sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 7Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot* no, ɛfiri sɛ woyɛ me busuani nimpɔn na wowɔ ho ɛkwan, na ɛyɛ wʼasɛdeɛ nso sɛ wotɔ.’ 8“Na sɛdeɛ Awurade aka no me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ bɛkaa sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho ɛkwan sɛ wogyeɛ na wofa no enti, tɔ na fa.’ “Mehunuu sɛ yei yɛ Awurade asɛm.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.