Yeremia 3:10
Jeremiah 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yeinom nyinaa akyi no, ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansane nʼakyi nokorɛm amma me nkyɛn. Ɔde nʼanim na ɛkyerɛeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Jeremiah 3:10 in English
Jeremiah 3:10 · Berean Standard Bible
Yet in spite of all this, her unfaithful sister Judah did not return to Me with all her heart, but only in pretense,” declares the LORD.
Context
8Memaa Israel a ɔnni nokorɛ no awaregyaeɛ nwoma na mepamoo no ɛsiane nʼawaresɛe abrabɔ. Nanso mehunuu sɛ ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ awaresɛeɛ bra. 9Esiane sɛ Israel adwamammɔ anyɛ no asɛm hia enti, ɔde efi kaa asase no na ɔne aboɔ ne nnua bɔɔ adwaman. 10Yeinom nyinaa akyi no, ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansane nʼakyi nokorɛm amma me nkyɛn. Ɔde nʼanim na ɛkyerɛeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 11Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Israel a ɔnni nokorɛ no tene sene Yuda nkontompo ni. 12Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,’ Sei na Awurade seɛ,
‘Meremmuna nkyerɛ wo bio,
ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,’ sei na Awurade seɛ,
‘Me bo renfu afebɔɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.