Yeremia 29:5
Jeremiah 29:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monsisi afie, na momfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni mu aba.
Jeremiah 29:5 in English
Jeremiah 29:5 · Berean Standard Bible
“Build houses and settle down. Plant gardens and eat their produce.
Context
3Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia. Krataa no mu nsɛm nie: 4Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum firi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa: 5“Monsisi afie, na momfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni mu aba. 6Monwareware, na monwowo mmammarima ne mmammaa. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmammarima na momfa mo mmammaa nso mma awadeɛ, na wɔn nso nwowo mmammarima ne mmammaa. Monnɔre wɔ hɔ na mo so ante. 7Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wɔtuu mo kɔtenaa so no asomdwoeɛ ne yiedie. Mommɔ Awurade mpaeɛ mma no, ɛfiri sɛ ne yiedie mu na mo nso mobɛdi yie.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.