Yeremia 29:24
Jeremiah 29:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ,
Jeremiah 29:24 in English
Jeremiah 29:24 · Berean Standard Bible
You are to tell Shemaiah the Nehelamite that
Context
22Esiane wɔn enti, Yuda nnommumfoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyee wɔn wɔ ogya mu no.’ 23Na wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe awadeɛ, na wɔde me din adi atorɔ a mennka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Menim na medi ho adanseɛ,” Awurade na ɔseɛ. 24Ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ, 25“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Watwerɛ krataa wɔ wo din mu akɔma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfoɔ Maaseia babarima Sefania, ne asɔfoɔ a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania sɛ, 26‘Awurade ahyɛ wo ɔsɔfoɔ asi Yehoiada anan mu sɛ hwɛ Awurade efie no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dadeɛ kɔnnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.