Yeremia 27:4
Jeremiah 27:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Fa nkra kɔma wɔn wuranom sɛ: Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Ka yei kyerɛ wo wuranom sɛ:
Jeremiah 27:4 in English
Jeremiah 27:4 · Berean Standard Bible
Give them a message from the LORD of Hosts, the God of Israel, to relay to their masters:
Context
2Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamudua ne nkyehoma yɛ kɔnnua sɛn wo kɔn mu. 3Fa nkra ma abɔfoɔ a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon. 4Fa nkra kɔma wɔn wuranom sɛ: Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Ka yei kyerɛ wo wuranom sɛ: 5Mede me tumi kɛseɛ ne me basa a matene mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a ɔsɔ mʼani. 6Afei, mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wiram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.