Yeremia 26:22
Jeremiah 26:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim.
Jeremiah 26:22 in English
Jeremiah 26:22 · Berean Standard Bible
Then King Jehoiakim sent men to Egypt: Elnathan son of Achbor along with some other men.
Context
20(Semaia babarima Uria a ɔfiri Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforɔ a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm korɔ yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛdeɛ Yeremia yɛeɛ no. 21Ɛberɛ a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanimfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ ɔkum no, nanso Uria teeɛ no, ɔde ehu dwane kɔɔ Misraim. 22Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. 23Wɔde Uria firi Misraim baeɛ, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde akofena kumm no na wɔtoo ne funu twenee kwasafo asieeɛ.) 24Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔammfa no amma ɛdɔm no sɛ wɔnkum no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.