Native Bible

Jeremiah 25:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no enti,

Jeremiah 25:8 in English

Jeremiah 25:8 · Berean Standard Bible

Therefore this is what the LORD of Hosts says: ‘Because you have not obeyed My words,

Context

6Monni anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn nsɔre wɔn; mommfa deɛ mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuo. Afei merenha mo.” 7“Nanso moanntie me,” Awurade na ɔseɛ, “na mode deɛ mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuo, na mode ɔhaw aba mo so.” 8Afei deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no enti, 9mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ɔseɛ, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sotefoɔ, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, ne amamfo afebɔɔ. 10Mɛyi ahosane ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne, oyuyammoɔ nnyegyeeɛ ne kanea hann afiri wɔn mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.