Yeremia 16:8
Jeremiah 16:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Na nhyɛne efie a apontoɔ kɔ so wɔ mu nkɔtena ase, nnidi na nnom.
Jeremiah 16:8 in English
Jeremiah 16:8 · Berean Standard Bible
You must not enter a house where there is feasting and sit down with them to eat and drink.
Context
6“Atitire ne mpapahwekwaa bɛwu wɔ asase yi so. Wɔrensie wɔn, na wɔrensu wɔn, na obiara remmɔ ne ho akam, na wɔn enti, obiara renyi ne ti mfa nkae wɔn. 7Obiara remma wɔn a wɔdi awufoɔ no ho awerɛhoɔ no aduane mfa nkyekye wɔn werɛ, owufoɔ no agya anaa ne maame mpo, na obiara mma wɔn nsã nso mfa nkyekye wɔn werɛ. 8“Na nhyɛne efie a apontoɔ kɔ so wɔ mu nkɔtena ase, nnidi na nnom. 9Na yei ne deɛ Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn no seɛ: Wo nkwanna mu a, wʼani tua no, mede ahosɛpɛ ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere ahosɛpɛ nne a ɛwɔ ha no, bɛba awieeɛ. 10“Sɛ woka yeinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade abɔ mmɔm a ɛyɛ hu sei atia yɛn? Ɛdeɛn mfomsoɔ na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia Awurade, yɛn Onyankopɔn’ a,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.