Native Bible

Jeremiah 13:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,

Jeremiah 13:8 in English

Jeremiah 13:8 · Berean Standard Bible

Then the word of the LORD came to me:

Context

6Nna bebree akyi no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Afei kɔ Eufrate ho na kɔfa abɔsoɔ a meka kyerɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no.” 7Enti, mekɔɔ Eufrate ho kɔtuu abɔsoɔ no firii beaeɛ a, na mede asie hɔ no, nanso, na asu atete a ɛho nni mfasoɔ biara. 8Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 9“Yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan kyɛneɛ no. 10Saa amumuyɛfoɔ yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie mʼasɛm na wɔdi wɔn akoma den akyi na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ yi, na wɔn ho remma mfasoɔ biara!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.