Native Bible

Judges 9:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a wɔredi otwa afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi asɔreeɛ so no, bobesa buu so hɔ maa obiara hyɛɛ aseɛ domee Abimelek.

Judges 9:27 in English

Judges 9:27 · Berean Standard Bible

And after they had gone out into the fields, gathered grapes from their vineyards, and trodden them, they held a festival and went into the house of their god; and as they ate and drank, they cursed Abimelech.

Context

25Sekem mmarima bi kɔtɛɛ Abimelek wɔ mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ obiara a ɔtwaam wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kɔtii nʼase. 26Saa ɛberɛ no, Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima kɔɔ Sekem. Na Sekemfoɔ no nyaa wɔn mu awerɛhyɛmu. 27Ɛberɛ a wɔredi otwa afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi asɔreeɛ so no, bobesa buu so hɔ maa obiara hyɛɛ aseɛ domee Abimelek. 28Ebed babarima Gaal teaam sɛ, “Hwan ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfoɔ? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne ɔman ho nhyehyɛeɛ ma no. Monsom nnipa a wɔfiri Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefoɔ kann. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek? 29Sɛ mewɔ tumi a, anka mɛyi Abimelek afiri hɔ. Anka mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Pɛ asraafoɔ bebree bra bɛko!’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.