Native Bible

Judges 8:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Di yɛn so ɔhene. Wo ne wo babarima ne wo nana bɛyɛ yɛn ahemfo, ɛfiri sɛ, woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam.”

Judges 8:22 in English

Judges 8:22 · Berean Standard Bible

Then the Israelites said to Gideon, “Rule over us—you and your son and grandson—for you have saved us from the hand of Midian.”

Context

20Ɔdanee nʼani kyerɛɛ ne babarima panin Yeter sɛ, “Ku wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼakofena, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ abarimaa enti na ɔsuro. 21Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanin adwuma! Wo ankasa yɛ!” Enti, Gideon kumm wɔn baanu, faa adehyeɛ agudeɛ a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no. 22Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Di yɛn so ɔhene. Wo ne wo babarima ne wo nana bɛyɛ yɛn ahemfo, ɛfiri sɛ, woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam.” 23Nanso, Gideon buaa sɛ, “Merenni mo so ɔhene na me babarima nso renni mo so ɔhene. Awurade na ɔbɛdi mo so.” 24Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, mewɔ adebisa baako. “Mo mu biara mma me asomuadeɛ baako a mofa firii asadeɛ a monya firii mo atamfoɔ a modii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfoɔ a na wɔyɛ Ismaelfoɔ no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asomuadeɛ).

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.