Native Bible

Judges 6:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Midianfoɔ nyinaa, Amalekfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔfifiri apueeɛ fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wɔtwaa Yordan, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yesreel bɔnhwa mu.

Judges 6:33 in English

Judges 6:33 · Berean Standard Bible

Then all the Midianites, Amalekites, and other people of the east gathered together, crossed over the Jordan, and camped in the Valley of Jezreel.

Context

31Nanso, Yoas teaam guu nnipakuo no so sɛ, “Adɛn enti na mogye Baal ti? Mobɛtumi aka nʼasɛm ama no anaa? Obiara a ɔbɛgye ne ti no, wɔbɛkum no ansa na adeɛ akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na ɔnkum deɛ ɔdwirii nʼafɔrebukyia no!” 32Ɛfiri saa ɛberɛ no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerubaal a asekyerɛ ne “Baal nni mma ne ne ho,” ɛfiri sɛ, ɔno ara na ɔdwirii Baal afɔrebukyia no guiɛ. 33Afei, Midianfoɔ nyinaa, Amalekfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔfifiri apueeɛ fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wɔtwaa Yordan, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yesreel bɔnhwa mu. 34Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ totorobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wɔfiri Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn. 35Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn akodɔm, na wɔn nyinaa penee so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.