Atemmufoɔ 5:30
Judges 5:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
‘Wɔrekyɛ asadeɛ a wɔnyaeɛ no, ɔbarima biara nya ɔbaa baako anaa mmienu. Sisera bɛnya ntadeɛ a ɛyɛ fɛ na me nso menya ntadeɛ a ɛkura ahosuo ahodoɔ na wɔanwono mu fɛɛfɛ.’
Judges 5:30 in English
Judges 5:30 · Berean Standard Bible
‘Are they not finding and dividing the spoil— a girl or two for each warrior, a plunder of dyed garments for Sisera, the spoil of embroidered garments for the neck of the looter?’
Context
28“Sisera nena hwɛɛ mpomma mu;
ɔtɛɛ mpomma mu hwɛɛ no kwan,
ɔkaa sɛ, ‘Adɛn enti na ne teaseɛnam akyɛre ba yi?
Adɛn enti na yɛnte teaseɛnam nhankra nnyegyeeɛ yi?’ 29Ne mmaa anyansafoɔ no rema mmuaeɛ no,
ɔtii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho sɛ: 30‘Wɔrekyɛ asadeɛ a wɔnyaeɛ no,
ɔbarima biara nya ɔbaa baako anaa mmienu.
Sisera bɛnya ntadeɛ a ɛyɛ fɛ
na me nso menya ntadeɛ a ɛkura ahosuo ahodoɔ na wɔanwono mu fɛɛfɛ.’ 31“Awurade, ma wʼatamfoɔ nyinaa nwu sɛ Sisera!
Nanso, ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinaeɛ.”
Afei, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.